Micah 2

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe


1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene,
wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so!
Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no,
efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye.
Na afi nso wɔfa.
Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi,
na wɔn agyapade nso wogye.

3 Enti, sɛnea Awurade se ni,
“Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho
na worentumi nyi wo ho mfi mu.
Worentumi nnantew ahantan so bio,
efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

4 Saa da no, nnipa bɛserew mo.
Wɔde saa awerɛhow dwom yi
bedi mo ho fɛw se:
‘wɔasɛe yɛn koraa;
wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu.
Ogye fi me nsam!
Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”


5 Enti morennya obi wɔ
Awurade asafo mu
a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atoro Adiyifo


6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka.
“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;
animguase rento yɛn.”

7 Mo Yakobfi, so wɔnka se,
Awurade Honhom nni boasetɔ ana?
Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana?

“Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ
no yiye ana?

8 Akyiri no me nkurɔfo asɔre
te sɛ ɔtamfo.
Moworɔw ntade pa fi
wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho,
ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

9 Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu
fi wɔn afi afɛɛfɛ mu.
Mugye me nhyira
fi wɔn mma nsam afebɔɔ.

10 Sɔre, fi ha kɔ!
Ha nyɛ faako a wɔhome,
efisɛ ho agu fi,
Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

11 Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se,
‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’
ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”

Ogye Ho Bɔhyɛ


12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob;
nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu.
Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu,
te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea;
nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

13 Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim;
wobebu apon no na wɔafi akɔ.
Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim,
Awurade bɛyɛ wɔn ti.”
Copyright information for TwiAKNA